Apostolic Vicariate of Donkorkrom

Apostolic Vicariate of Donkorkrom Apostolic Vicariate of Donkorkrom created as a Prefecture on 12th June 2007. Elevated as a Vicariate 19th January 2010. Current Apostolic Vicar is Most Rev. No.

Alphonse Asiedu. Catholics is about 18,000. Priests is 17. Sisters:18

13/05/2025
17/11/2022

*NAWOTWE A ƐTƆ SO ADUASA MMIENSA WƆ NAHUNU MMERƐ AFE II*
(THIRTY-THIRD WEEK IN ORDINARY TIME YEAR II)

*EFIADA*
(FRIDAY)

*FIRST READING*
Akenkan a efiri Adiyisɛm Nhoma no mu 10:8-11

Mi, Yohane, ɛnne a metee sɛ efi soro no kasa kyerɛɛ me bio sɛ, “Kɔ na kogye nhoma a wabue mu a ekita ɔbɔfo a ogyina po ne asase so no.” Mekɔɔ ɔbɔfo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se ɔmfa nhoma ketewaa no mma me. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Gye na kɔwe. Ɛbɛkeka wɔ wo yam, nanso w’anom de, ɛbɛyɛ dɛ te sɛ ɛwo.” Migyee nhoma ketewa no fii ne nsam wee na ɛyɛɛ dɛ te sɛ wo wɔ m’anom. Nanso memenee no akyi, ɛkekae wɔ me yam. Afei wɔka kyerɛɛ me sɛ, “Ɛsɛ sɛ woka nkurɔfo ne aman ne ɔkasa ne ahemfo bebree ho adiyisɛm bio.”

_Nea Nyame se ni._

*Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 118(119):14. 24. 72. 103. 111. 131. G/. 103*
*G: Wo asɛm yɛ me dodom dɛ O Awurade.*
1. M’ani gye sɛ medi
wo mmara so sen sɛ mɛyɛ ɔdefo.
Wo mmara ma m’ani gye;
ɛyɛ me fotufo. G/.

2. Mmara a wode mae no ho
baa me mfa*o sen wiase sika nyinaa.
Wo nkyerɛkyerɛ no yɛ dɛ dodo.
Ɛyɛ dɛ sen ɛwo. G/.

3. W’ahyɛde yɛ m’agyapade daa;
ɛhyɛ me koma anigye.
Mede ahopere bue manom
pɛ w’ahyɛde akyi kwan. G/.

*Gospel Acclamation 2 Timoteo 1:10*
_Alleluia, Alleluia!_
Yɛn Agyenkwa Kristo Yesu ɛtwa owu tumi so nam Asɛmpa no so ama yɛahu nkwa a enni awiei.
_Alleluia, alleluia!_

*ASEMPA (GOSPEL READING)*
Asempa no senea Ht. Luka kyerew mae 19:45-48

Yesu duu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔpamoo nnipa a na wɔredi gua wɔ hɔ no kae sɛ, “Wɔakyerɛw sɛ, ‘M’asɔredan yɛ mpaebɔbea; nanso mode ayɛ akorɔmfo ahyiae!” Saa bere no nyinaa na asɔfo mpanyimfo, mmara no akyerɛkyerɛfo ne ɔman no mu mpanyimfo rehwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so anya no, akyere no, akum no. Nanso na wonhu ɔkwan biara a wɔbɛfa so akyere no, efisɛ, bere nyinaa na nnipa akyere ne so retie no.

_Nea Awurade se ni._

*NAWOTWE A ƐTƆ SO ADUASA MMIENSA WƆ NAHUNU MMERƐ AFE II*(THIRTY-THIRD WEEK IN ORDINARY TIME YEAR II)*ƐBENADA*(TUESDAY)*F...
14/11/2022

*NAWOTWE A ƐTƆ SO ADUASA MMIENSA WƆ NAHUNU MMERƐ AFE II*
(THIRTY-THIRD WEEK IN ORDINARY TIME YEAR II)

*ƐBENADA*
(TUESDAY)

*FIRST READING*
Akenkan a efiri Adiyisɛm Nhoma no mu 3:1-6. 14-22

Me tee Awurade nni ka kyerɛɛ me Yohane sɛ: “Kyerɛw krataa kɔma asafo a ɛwɔ Sardi no se: “Eyi ne asɛm a efi obi a ɔwɔ Onyankopɔn ahohom a*on ne nsoromma a*on no nkyɛn. Minim nea woreyɛ. “Minim sɛ woagye din sɛ wote ase nanso woawu. Enti nyan na kanyan nea aka wo nkyɛn no na anwu koraa. Efisɛ, mahu sɛ nea woayɛ no nya nnii mu wɔ Onyankopɔn anim. Kae nea wɔkyerɛɛ wo no ne sɛnea wotee no. Di so na twe wo ho fi wo bɔne ho. Sɛ woankanyan wo ho a, mɛba wo so sɛ ɔkorɔmfo, na worenhu bere ko a mɛba.“Nanso mo mu kakraa bi a wɔwɔ Sardi no mfaa wiase nkekae nkekaa wɔn ntade mu. Wɔne me bɛnantew a wɔhyɛ ntade fitaa efisɛ, ɛsɛ wɔn sɛ wɔyɛ saa. Wɔn a wobedi nkonim no, wɔbɛhyɛ wɔn ntade fitaa, na merentwa wɔn din mfi ateasefo din mu wɔ nhoma no mu. M’Agya no ne abɔfo no anim na mɛda no adi sɛ wɔyɛ me de. “Sɛ wowɔ a*o a, tie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no.”

“Kyerɛw krataa kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ Laodikea asafo mu no se: “Eyi ne asɛm a efi Amen a ɔyɛ ɔdanseni nokwafo a ɔyɛ biribiara a Onyankopɔn bɔe no abɔse nkyɛn. “Minim nea woayɛ. Minim sɛ wonyɛ nwunu nso wonyɛ hyew. Me pɛ ne sɛ, anka wobɛyɛ mu baako. Nanso esiane sɛ woyɛ potrobodwo na wonyɛ hyew na wonyɛ nwunu nti, merebɛtew wo sɛ ntasu afi m’anom. “Woka se, Meyɛ ɔdefo na manya me ho na mewɔ nea ehia me nyinaa. Nanso wunnim hia a ahia wo ne mmɔbɔ a woyɛ. Woyɛ ohiani. Woda adagyaw, na w’ani afura. “Enti mitu wo fo se tɔ sikakɔkɔɔ, sikakɔkɔɔ amapa, fi me nkyɛn sɛnea ɛbɛma woayɛ ɔdefo. Afei tɔ ntade fitaa hyɛ fa kata wo animguase adagyaw no so. Afei tɔ aduru gu w’ani so sɛnea wubehu ade. Mekɔ so twe wɔn a medɔ wɔn no nyinaa a*o. Enti bɔ mmɔden na twe wo ho fi bɔne ho. “Tie! Migyina ɔpon no akyi rebɔ mu; sɛ obi te me nne na obue pon no a, mɛba ne fi na me ne no adidi na ɔno nso ne me adidi. Mɛma nkonimdifo no atena m’ahengua no ho sɛnea madi nkonim nti mete m’Agya ahengua ho mprempren no. “Sɛ wowɔ a*o a, ɛnne tie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no.”

_Nea Nyame se ni._

*Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 14(15):2-5 G/. Adiyisɛm 3:21*
*G: Mɛma nkonimdifo no atena m’ahengua no ho.*
1. Awurade, hena na ɔbɛtena wo bepɔw kronkron no so?
Onipa a otie Onyankopɔn wɔ biribiara mu no,
na daa ɔyɛ ade trenee,
na ne nsɛm yɛ nokware,
na ommu afoforo abomfiaa. G/.

2. Ɔnyɛ n’afɛfo bɔne
na onni wɔn ho nseku.
Obu wɔn a Onyankopɔn apa wɔn no animtiaa,
na odi wɔn a wotie Awurade no ni. G/.

3. Ɔkwan biara so, odi ne bɔhyɛ so.
Ɔma bosea a, onnye mfantom
na wontumi nhyɛ n’afonom sɛ onni adansekurum.
Nea ɔyɛ eyinom no tim hɔ daa. G/.

*Gospel Acclamation Nnwom 129(130):5*
_Alleluia, Alleluia!_
Meretwɛn ahopere mu, apɛ Awurade mmoa, na mede me ho to n’asɛm so.
_Alleluia, alleluia!_

*ASEMPA (GOSPEL READING)*
Asempa no senea Ht. Luka kyerew mae 19:1-10

Yesu retwam wɔ Yeriko no, ohuu ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Sakeo. Na Sakeo yɛ ɔtowgyeni panyin san yɛ osikani nso. Bere a Yesu retwam no, Sakeo pɛe sɛ anka ohu no nanso esiane sɛ na ɔyɛ onipa tiaa na wɔn a wodi Yesu akyi no dɔɔso nti, wanhu no. Esiane sɛ na Sakeo nim sɛ Yesu bɛfa nnyedua bi a na esi hɔ no ase nti, ɔkaa ne ho kɔforoo saa nnyedua no. Bere a Yesu duu nnyedua no ase no, ɔmaa n’ani so huu no ka kyerɛɛ no se, “Sakeo, yɛ ntɛm na si fam na wo fi na ɛnnɛ mɛtena.” Sakeo yɛɛ ntɛm sii fam de anigye gyee no fɛw so.

Nnipa a wodi Yesu akyi no huu eyi no, wonwiinwii kae se, “Ɔdebɔneyɛfo yi na wakɔ akɔsoɛ no.” Bere a nnipa no renwiinwii no, Sakeo begyinaa Yesu nkyɛn kae sɛ, “Awurade, ɛnnɛ, mede m’ahode mu fa kyɛ ahiafo, na sɛ masisi obi wɔ biribi mu a, metua mmɔho anan ama no.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnnɛ na nkwagye aba ofi yi mu, efisɛ, oyi nso yɛ Abraham ba. Na onipa ba no bae sɛ ɔrebɛhwehwɛ wɔn a wɔayera na ɔgye wɔn nkwa.”

_Nea Awurade se ni._

22/09/2022

*NAWOTWE A ƐTƆ SO ADUONU ANUM WƆ NAHUNU MMERƐ AFI 1*
(TWENTY-FIFTH WEEK IN ORDINARY TIME YEAR I)

*EFIADA*
(FRIDAY)

*FIRST READING*
Akenkan a ɛfiri ɔsɛnkafoɔ nhoma no mu 3:1-11

Adeɛ biara wɔ ne berɛ a wɔahyɛ no, na eberɛ wɔ hɔ ma adwuma biara ɔsoro ase: Awoɔ wɔ ne berɛ, na ewuo wɔ ne berɛ; ɔtɛ wɔ ne berɛ na deɛ wɔatɛ no tutuo wɔ ne berɛ; ekum wɔ ne berɛ, na ɔsa wɔ ne berɛ, bubuo wɔ ne berɛ, na osie wɔ ne berɛ; esu wɔ ne berɛ, na serɛeɛ wɔ ne berɛ; abooboodie wɔ ne berɛ, na asa wɔ ne berɛ; aboɔ toguo wɔ ne berɛ; aboɔ tuguo wɔ ne berɛ, na aboɔ anoboa wɔ ne berɛ; atuuyɛ wɔ ne berɛ, na atuuyɛ ntetemu wɔ ne berɛ; ɔhwehwɛ wɔ ne berɛ, na ɔyera wɔ ne berɛ; nhwɛsoɔ wɔ ne berɛ, ɔtuguo wɔ ne berɛ; osuane wɔ ne berɛ, na ɔpam wɔ ne berɛ; kommyɛ wɔ ne berɛ, na ɔkasa wɔ ne berɛ; ɔdɔ wɔ ne berɛ, na ɔtane nso wɔ ne berɛ; akodie wɔ ne berɛ, na ɔmannwoeɛ wɔ ne berɛ. Mfa*oɔ bɛn na deɛ ɔyɔ adwuma no nya no deɛ ɔbrɛ ho no mu? Moanhu ɔbrɛ adwuma a Onyankopɔn de ama nnipa mma sɛ wɔnni mmrɛ mu no. wayɔ ade nyinaa fɛfɛ ne berɛ mu, nso ɔde wiase ahyɛ wɔn akomam, anyɛ saa deɛ a, anka onipa renhunu adwuma a Onyankopɔn yɔ firi mfitiaseɛ kɔsi awieeɛ no.

_Nea Nyame se ni._

*Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 143(144):1-4. G/. 1*
*Nhyira ne Awurade, me botan!*
1. Nhyira ne Awurade, me botan!

10/09/2022

*KWASIDA A ƐTO SO ADUONU-NAN AFE NO MU (AFE C)*
(TWENTY-FOURTH SUNDAY IN ORDINARY TIME YEAR C)

*AKENKEN A EDI KAN (FIRST READING)*
Akenkan a efiri Nyansa Nhoma no mu 32:7-11, 13-14

Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Siane kɔ, na wo man a wode wɔn firi Misraim asase so baeɛ no redi asɛmmɔne; wɔamane afiri kwan a mekyerɛɛ wɔn no so ntɛm; wɔayɛ nantwie ba a wɔaguo, na wɔasɔre no abɔ afɔdeɛ ama no aka sɛ: Israel, ‘yeinom ne w’anyame a wɔyii wo firii Misraim asase so baeɛ no.’ Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Mahunu ɔman yi, na hwɛ, wɔyɛ ɔman a wɔn kɔn asene; na afei ma me kwan na me bo nhuru ntia wɔn, na memmene wɔn, na memfa wo menyɛ ɔman kɛseɛ.” Na Mose paa Awurade ne Nyankopɔn kyɛw sɛ: “Awurade, adɛn nti na wo bo huru tia ɔman a wode ahoɔden kɛseɛ ne nsa a ɛyɛ den kɔyii wɔn Misraim asase so baeɛ no? Kae Abraham, Isak ne Israel, wo nkoa a wokaa wɔn wo ara wo ntam see wɔn sɛ: Mɛma w’asefoɔ adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na asase a maka ho asɛm yi nyinaa, mede bɛma w’asefoɔ na wɔadi so akɔsi daa no.” Na Awurade nuu ne ho wɔ bɔne a ɔkaa sɛ ɔrebɛyɛ ne man no ho.

_Nea Nyame se ni._

*Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 50(51):1-2, 10-11, 15, 17 R/. Luke 15:18*

*G/: Mɛsɔre makɔ m’agya nkyɛn*

1. Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, sɛ w’adɔeɛ teɛ no,
wo mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso nti pepa me mmarato.
Hohoro me ho firi m’amumuyɛ mu koraa,
na prapra me ho firi me bɔne mu. G/

2. Onyankopɔn, bɔ akoma a emu teɛ ma me,
na yɛ honhom foforɔ a aseɛ tim wɔ me mu.
Nto me mfiri w’anim ntwene,
na nyi wo kronkronyɛ honhom mfiri me so. G/.

3. Awurade, bue m’ano fafa,
na mede m’ano makyerɛ w’ayeyie.
Nyankopɔn afɔdeɛ ne honhom a abubuo;
Onyankopɔn, akoma a abubuo, na apɛkyɛ na worempoɔ. G/

*AKENKEN A ƐTO SO MMIƐNU (SECOND READING)*
Akenkan a efiri Ht. Paul nhoma a edikan a ɔkyerɛw komaa Timothy 1:12-17

Anuanom, meda Kristo Yesu, yɛn Awurade a ɔhyɛɛ me den no ase, sɛ wabu me ɔnokwafoɔ de me ahyɛ ɔsom no mu. Ɛwom sɛ na anka kane no, meyɛ mmusubɔfoɔ ne ɔtaafoɔ ne oniɛdenfoɔ, nanso wɔahu me mmɔborɔ, ɛfiri sɛ na mennim na meyɛɛ no gyeɛ a mannye mannie mu. Na yɛn Awurade adom dɔɔso boroo so gyidie ne ɔdɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu.

Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wɔgye koraa, sɛ Kristo Yesu baa wiase bɛgyee nnebɔneyɛfoɔ a me na medi wɔn mu kan. Nanso yei nti wɔahu me mmɔbɔ, sɛ me a medi kan mu na Yesu Kristo bɛyi abodwokyɛre nyinaa adi de ayɛ wɔn a wɔrebɛgye no adie akɔ daa nkwa mu no nhwɛsoɔ.

Nanso mmerɛ santen hene, Onyankopɔn koro a ɔtease daa a wɔnhu no no, anidie ne animuonyam nka no, mmerɛ santen mfesanten. Amen!

_Nea Nyame se ni._

*AYEYI DWOM (GOSPEL ACCLAMATION)*
_Alleluia! Alleluia! 2 Corinthians 5:19_
Onyankopɔn wɔ Kristo mu a ɔrepata twe wiase fam ne ho, na wɔde nkabom asɛm no ahyɛ yɛn nsa
_Alleluia! Alleluia_

ASƐMPA (GOSPEL)
Asɛmpa no sɛnea Ht. Luka Kyerɛw mae 15:1-32

Na togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ no nyinaa twi bɛnee no sɛ wɔrebɛtie no. Na Farisifoɔ ne Atwerɛfoɔ no nwiinwii kaa sɛ: Oyi gye nnebɔneyɛfoɔ, na ɔne wɔn didi. Enti ɔbuu wɔn bɛ yi sɛ: “Mo mu nipa bɛn na sɛ ɔwɔ nnwanten ɔha na wɔn mu baako kɔyera a, ɔrennya aduɔkron nkron no ɛserɛ soɔ, na ɔnni deɛ wayera no akyi nkɔsi sɛ ɔbɛhu no? Na sɛ ɔhu no a, ɔde no bɔ ne kɔn ho, na n’ani gye. Na ɔba fie a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfo ne n’afipamfoɔ boa ano ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo ne me ani nnye, ɛfiri sɛ mahunu me dwan a ɔyeraeɛ no. Mese mo sɛ: Saa ara na anigyeɛ bɛba soro, ɔdebɔneyɛni baako a ɔsakyera n’adwene ho, sene nnipa tenenee aduɔkron nkron a ɛnhia wɔn adwensakyera.”

“Anaasɛ ɔbaa bɛn na ɔwɔ nnwetɛbena du, na emu baako yera a, ɔrensɔ kanea, na ɔmpra ɛdan no mu, na ɔnhwehwɛ yie nkɔsi sɛ ɔbɛhunu? Na ɔhunu a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfo ne n’afipamfoɔ boa ano, na ɔka sɛ: Mo ne me ani nnye, ɛfiri sɛ mahunu me dwetɛbena a ɛyeraeɛ no. Saa ara na mese mo sɛ: Anigyeɛ ba Nyankopɔn abɔfoɔ anim ɔdebɔneyɛni baako a ɔsakyera n’adwene ho.

Na ɔse: ‘Onipa bi wɔ mmammarima baanu. Na wɔn mu akumaa no ka kyerɛɛ n’agya sɛ: ‘Agya, fa ahodeɛ a ɛbɛyɛ me dea no ma me! Na ɔkyɛɛ n’asetenadeɛ mu maa wɔn.’ Na anni da bi na ɔba kumaa no boaboaa ne nyinaa ano, na ɔtuu kwan kɔɔ akyirikyiri asase bi soɔ; ɛhɔ na ɔkɔbɔɔ ahohwie sɛee n’ahodeɛ nyinaa. Na ɔhweree ne nyinaa wieeɛ no, ɛkɔm kɛseɛ bi baa asase no so, na ɛfirii aseɛ hiaa no. Na ɔde ne ho kɔdanee asase no so hɔni bi; na ɔmaa no kɔɔ ne mfuo mu kɔhwɛɛ mprako. Na ne kɔn dɔɔ sɛ ɔde asɛhono a mprako no die no bi hyɛ n’afuru ma; nanso obiara amma no. Na n’ani baa ne ho soɔ no, ɔkaa sɛ: ‘Apaafoɔ ahe na m’agya nnie a wɔnnya aduane ma no mmoro soɔ; na me deɛ, ɛkɔm rekum me yi? Mɛsɔre makɔ m’agya nkyɛn, na mase no sɛ: Agya, mayɛ ɔsoro ne w’anim bɔne, na memfata sɛ wɔfrɛ me wo ba bio, na yɛ me sɛ w’apaafoɔ no mu baako!’

Na ɔsɔre baa n’agya nkyɛn. Na ɔda so wɔ akyirikyiri no, n’agya hunuu no, na ne yam hyehyee no, na ɔtutuu mmirika kɔyɛɛ no atuu, na ɔfee n’ano. Na ɔba no ka kyerɛɛ no sɛ: Agya, mayɛ ɔsoro ne w’anim bɔne, na memfata sɛ wɔfrɛ me wo ba bio. Ɛnna agya no ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Momfa atadeɛ a ɛyɛ no mmra mmɛhyɛ no, na momfa pɛtea nhyɛ ne nsa ne mpaboa nhyɛ ne nan; na momfa nantwie ba a wadɔre sradeɛ no mmra mmɛkum no, na yɛnni, na yɛn ani nnye, ɛfiri sɛ, me ba yi wui, na wanyane bio; ɔyerae, na wɔahu no. Na wɔfirii aseɛ gyee wɔn ani.

Na ne ba panin no wɔ afuom; na ɔreba na ɔbɛn fie no, ɔtee sankuo ne asa. Na ɔfrɛɛ a*omfoɔ no mu baako bisaa no asɛm ko a asie. Na ɔsee no sɛ: ‘Wo nua aba, na w’agya akum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no, ɛfiri sɛ ne nsa aka no nkwahosan mu. a ne bo fui, na wampɛ sɛ ɔkɔ mu. Ɛnna n’agya firii adi bɛkorɔkorɔɔ no.’ Na ɔbua see agya no sɛ: ‘Hwɛ mfirinhyia dodoɔ yi a mede ma*om woɔ, nso mentoo wo mmara da; nanso wommaa me abirekyie ba bi sɛ me ne me nnamfonom mfa nkɔgye yɛn ani da. Na wo ba yi a ɔne nnwamamfoɔ adi w’ahodeɛ no baeɛ ara pɛ deɛ, woakum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no ama no.’ Na ɔsee no sɛ: ‘Ɔba, wowɔ me nkyɛn daa, na deɛ mewɔ nyinaa yɛ wo dea. Na ɛsɛ sɛ yɛn ani gyeɛ na yɛn bo tɔ yɛn yam, ɛfiri sɛ wo nua yi wui, na wanyane; ɔyerae, na wɔahu no.’’’

_Nea Awurade se ni._

08/09/2022

*9TH SEPTEMBER*
*HT. PETER CLAVER, NKAEDA*
(ST. PETER CLAVER)

*FIRST READING*
Akenkan a efiri Ht. Paulo Nhoma a ɛdi kan a ɔtwerɛ kɔmaa Korintofoɔ no mu 9:16-19. 22-27

Minni tumi sɛ, esiane sɛ meka Asɛmpa no nti, mehoahoa me ho. Mehyɛ mmara ase na meka Asɛmpa no. Na sɛ manka Asɛmpa no a, mehu amane. Sɛ meyɛ adwuma no sɛnea efi m’ankasa me pɛ mu a, na ɛsɛ sɛ mehwɛ akatua anim. Nanso meyɛ no sɛ m’adwuma, efisɛ, Onyankopɔn na ɔde ato me so. Ɛnne na akatua bɛn na ɛsɛ sɛ minya? Ɛyɛ ahohoahoade sɛ wobɛka Asɛmpa no na wunnye hwee na wummisa asɛde biara nso.

Mede me ho; menyɛ obi akoa. Nanso meyɛ me ho obiara akoa sɛnea mɛsesa akra dodow biara a metumi. Wɔn a wɔn gyidi yɛ mmerɛw no, meyɛɛ sɛ wɔn ara sɛnea mɛtwetwe wɔn aba me nkyɛn. Meyɛɛ me ho sɛnea ɛfata biara maa nnipa nyinaa sɛnea metumi mafa ɔkwan biara a ɛbɛyɛ ye so magye wɔn mu bi nkwa. Asɛmpa no nti na meyɛɛ eyinom nyinaa na manya mu nhyira bi.

Munim sɛ mmirika akansi mu, mmirikatufo no nyinaa tu mmirika no bi, nanso wɔn mu baako pɛ na onya akrade no. Enti tu mmirika no kwan bi so na nya akrade no. Ɔkansifo biara a ɔresiesie ne ho no di mmara so. Ɔyɛ saa sɛnea obenya ahenkyɛw a ɛrenkyɛ nanso yɛn de yi de, ɛbɛkyɛ akosi daapem nyinaa. Ɛno nti na meretu mmirika kɔ m’anim tee akowie no. Ɛno nti na mete sɛ okuturukubɔni a ne kuturuku fom no. Mede akuturuku ahyɛ me honhom den sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ mefrɛ afoforo sɛ wommesi akane no a, wɔrennyi me mfi mu.

_Nea Nyame se ni._

*Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 83(84):2-5. 11. G/. 1*
*G: Awurade Tumfoɔ, medɔ wo fi no dodo.*
1. Mepɛ sɛ meba hɔ.
M’ani agyina sɛ meba Awurade fi.
Mede me nipadua nyinaa to ahosɛpɛw dwom
ma Onyankopɔn teasefo no. G/.

2. Mpatiperɛw anwene wɔn birebuw
na nsonfena nso wɔ wɔn afi.
Wɔde wɔn mma sie wɔ w’afɔremuka ho,
Otumfoɔ Awurade, me hene ne me Nyankopɔn. G/.

3. Wɔn a wɔte wo fi hɔ no wɔ ahotɔ.
Daa wɔto nnwom kamfo wo.
Wɔn a wonya ahoɔden fi wo nkyɛn no wɔ ahotɔ,
na wɔpɛ sɛ wɔkɔfrɛ wo wɔ Sion Bepɔw so. G/.

4. Awurade ne yɛn hwɛfo ne ɔhene onuonyamfo a
ɔde adɔe ne anuonyam hyira yɛn.
Ɔmpopo ne ti wɔ ade pa biara a
ɔde ma atreneefo ho. G/.

*Gospel Acclamation Yohane 17:17*
_Alleluia, Alleluia!_
Yɛ wɔn kronkron wɔ nokorɛ mu; w’asɛm yɛ nokorɛ.
_Alleluia, alleluia!_

*ASEMPA (GOSPEL READING)*
Asempa no senea Ht. Luka kyerew mae 6:39-42

Yesu nam abebu so kasa kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Onifuraefo betumi akyerɛ onifuraefo kwan ama ayɛ yie anaa? Sɛ ɛba saa a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amoa mu. Osuani nsen ne wura. Nanso sɛ ɔyere ne ho sua nea wɔrekyerɛ no no yiye a, ɔbɛsɛ ne wura. “Adɛn nti na woma anhwea a egu wo nua ani so haw wo, bere a ɔbo da wo de so? Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka akyerɛ wo nua se, ‘Ma minhuw anhwea a egu w’ani so no mma wo’ wɔ bere a ɔbo a ɛda w’ani so no wunhu. Nyaatwom, di kan yi ɔbo a ɛda w’ani so no ansa na woatumi ahuw anhwea a egu wo nua ani so no ama no.

_Nea Awurade se ni._

06/09/2022

*NAWOTWE A ƐTƆ SO ADUONU MMIENSA WƆ NAHUNU MMERƐ AFE II*
(TWENTY-THIRD WEEK IN ORDINARY TIME YEAR II)

*WUKUADA*
(WEDNESDAY)

*FIRST READING*
Akenkan a efiri Ht. Paulo Nhoma a ɛdi kan a ɔtwerɛ kɔmaa Korintofoɔ no mu 7:25-31

Nea ɛfa asigyafo nso ho no ni: Minnyaa mmara biara mimfii Awurade nkyɛn, nanso meka m’adwene sɛ obi a Onyankopɔn adom no ahummɔbɔ a ahotoso wɔ mu. Wudwen mprempren ɔhaw yi ho a, midwen sɛ, eye sɛ onipa tena ase sɛnea ɔte biara. Wowɔ ɔyere? Sɛ wowɔ ɔyere a, nyɛ w’adwene sɛ woregyaa no. Wonwaree anaa? Sɛ wonwaree a nhwehwɛ ɔyere. Nanso sɛ woware a, wonyɛɛ bɔne. Sɛ ɔbaabun ware a, ɔnyɛɛ bɔne. Nanso ɔhaw a saa aware no de ba no, sɛ ɛkaa me nko a anka mempɛ sɛ saa ɔhaw no bɛba mo so.

Nea mekyerɛ ne sɛ, anuanom, bere a aka sua. Efi saa bere yi ɛsɛ sɛ mmarima a wɔawareware tena ase sɛnea wɔnwaree da; wɔn a wosu yɛ sɛnea wɔn werɛ nhowee; wɔn a wɔserew yɛ sɛnea wonni ahotɔ; wɔn a wɔtɔ yɛ sɛnea nea wɔtɔe no nyɛ wɔn de; wɔn a wɔde wiase abɔ wɔn bo yɛ sɛnea wonhuu bi da. Na sɛnea wiase yi te mprempren yi rentena saa nkyɛ.

_Nea Nyame se ni._

*Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 44(45): 10-11. 13-16. G/. 10*
*G: Ɔbabaa, tie, na hwɛ, na yɛ a*o*
1. Ɔbabaa, tie, na hwɛ, na yɛ a*o,
na ma wo werɛ mfi wo nkurɔfo ne w’abusuafo.
W’ahoɔfɛ bɛma ɔhene adɔ wo;
ɔno ne wo wura, enti ɛsɛ sɛ wutie no. G/.

2. Ɔhene babea no wɔ ahemfi hɔ. Ne ho yɛ fɛ papa bi.
Wɔde sikakɔkɔɔ asaawa na ɛpam n’atade.
na wɔde no kɔmaa ɔhene a n’ayeforo mmaawa di n’akyi a,
wɔde wɔn nyinaa kɔmaa ɔhene no. G/.

3. Wɔde ahosɛpɛw ne anigye na ɛkɔɔ ɔhene no ahemfi hɔ.
Wo, me hene, wobɛwo mma bebree a
wobedi wɔn nenanom ade sɛ ahemfo,
na wobɛyɛ wɔn adedifo wɔ asase so nyinaa. G/.

*Gospel Acclamation 1 Yohane 2:5*
_Alleluia, Alleluia!_
Na obiara a otie n’asɛm no yɛ obi a nokwarem, ne dɔ a ɔde dɔ Onyankopɔn no yɛ pɛ. Eyi na ɛma yɛte yɛn ho ase sɛ yɛte Onyankopɔn mu.
_Alleluia, alleluia!_

*ASEMPA (GOSPEL READING)*
Asempa no senea Ht. Luka kyerew mae 6:20-26

Yesu danee n’ani ka kyerɛɛ n’asuafo no se, “Nhyira ne mo a moyɛ ahiafo, na mo na Onyankopɔn Ahenni no yɛ mo dea! Nhyira ne mo a ɔkɔm de mo, na mo na wɔbɛma mo amee. Nhyira ne mo a mo werɛ ahow, na mo na wɔbɛma mo ani agye. Nhyira ne mo a me din nti nnipa tan mo, na wɔpa mo, na wɔyaw mo, na wogu mo din ho fi. Sɛ ɛba saa a, momma mo ani nnye na munni ahurusi! Munni ahurusi, efisɛ, mo akatua retwɛn mo wɔ ɔsoro. Na saa ara nso na wɔn agyanom yɛɛ tete adiyifo no. “Na mo adefo de, munnue efisɛ, nea ɛma mo ani gye no, mo nsa aka dedaw; eyi nti munni kyɛfa biara bio. Munnue, mo a moamee mprempren, na mo na ɔkɔm bɛde mo! Munnue, mo a moreserew mprempren, na mo na mubesi apini, asu. Munnue, mo a nnipa kamfo mo, efisɛ, saa ara na wɔn nenanom kamfoo atoro adiyifo no.

_Nea Awurade se ni._

04/09/2022

*NAWOTWE A ƐTƆ SO ADUONU MMIENSA WƆ NAHUNU MMERƐ AFE II*
(TWENTY-THIRD WEEK IN ORDINARY TIME YEAR II)

*ƐDWOADA*
(MONDAY)

*FIRST READING*
Akenkan a efiri Ht. Paulo Nhoma a ɛdi kan a ɔtwerɛ kɔmaa Korintofoɔ no mu 5:1-8

Nnansa yi, wɔkeka se aguaman a morebɔ wɔ asafo no mu no yɛ hu a abosonsomfo mpo renyɛ saa. Mate mpo sɛ obi afa n’agya yere. Na ɛbɛyɛ dɛn na moatumi ahoahoa mo ho? Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ mo werɛ how wɔ ho na mompam saa onipa no mfi mo mu. Ɛwom, me de, me ne mo ntam kwan ware nanso mewɔ mo nkyɛn honhom mu. Yɛn Awurade Yesu din mu, mabu onipa a ɔyɛɛ afide yi atɛn dedaw te sɛ nea mewɔ mo nkyɛn ara pɛ. Muhyia na meka mo ho wɔ honhom mu a, Awurade Yesu tumi a ɛka yɛn ho no nti, ɛsɛ sɛ mode saa onipa no ma ɔbonsam na ɔsɛe ne nipadua no na Awurade da no du a, wagye ne honhom nkwa.

Ɛnsɛ sɛ mohoahoa mo ho. Munim sɛ, ‘mmɔkaw kakraa bi na ɛma mmɔre no tu.’ Ɛsɛ sɛ muyi saa bɔne mmɔkaw dedaw yi fi mo mu na moayɛ kronn. Ɛba saa a, mobɛyɛ sɛ mmɔre foforo a mmɔkaw nni mu sɛnea minim mo sɛ mote dedaw no. Afei a wɔde Kristo a ɔyɛ yɛn Twam Guammaa no abɔ afɔre no, yɛn Twam Afahyɛ no adu so. Eyi nti, mommma yɛmmfa mmɔkaw dedaw a ɛyɛ bɔne no nnni afahyɛ no na mmom yɛmfa abodoo a mmɔkaw nni mu na ɛyɛ kronn no na enni afahyɛ no.

_Nea Nyame se ni._

*Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 5:4-7. 12. G/. 8*
*G: Awurade Kyerɛ me kwan na menyɛ w’apɛde.*
1. Wonyɛ Onyankopɔn a adebɔne sɔ w’ani,
na womma bɔne ho kwan wɔ w’anim.
Wokyi ahantanfo. G/.

2. Wukyi nnebɔneyɛfo nso.
Wosɛe atorofo
na wubu basabasayɛfo ne asisifo animtia. G/.

3. Nanso esiane wo dɔ bebrebe nti,
mitumi ba wo fi.
Mitumi som wo wɔ w’asɔredan kronkron no mu,
na mekotow wo wɔ nidi mu. G/.

4. Nanso wɔn a wonya wo nkyɛn guankɔbea no ani gye;
na daa wobetumi ato dwom anigye so.
Bɔ wɔn a wɔdɔ wo no ho ban.
Esiane wo nti, wɔwɔ anigye. G/.

*Gospel Acclamation Yohane 10:27*
_Alleluia, Alleluia!_
Me nguan te me nne, me nso minim wɔn na wodi m’akyi.
_Alleluia, alleluia!_

*ASEMPA (GOSPEL READING)*
Asempa no senea Ht. Luka kyerew mae 6:6-11

Homeda foforo bi nso a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, na ɔbarima bi a ne nsa nifa awu nso wɔ hɔ bi. Mmara no akyerɛkyerɛfo ne Farisifo no hwɛɛ Yesu dinn sɛ ɔbɛsa onipa yi yare Homeda yi nso anaa. Nea na wɔrehwehwɛ ara ne sɛ obebu mmara no so, asa yare na wɔn nsa aka no akyere no. Yesu huu wɔn adwene nanso ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, “Sɔre begyina anim ha, na obiara nhu wo.” Ɔbarima no sɔre begyinaa hɔ. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mibisa mo. Dɛn na Mmara no ma ho kwan sɛ yɛnyɛ no Homeda; sɛ yɛbɛyɛ papa anaa yɛbɛyɛ bɔne, sɛ yebegye obi nkwa anaasɛ yɛbɛma wawu?” Yesu hwɛɛ wɔn nyinaa hyiae na ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, “Teɛ wo nsa.” Na ɔteɛɛ ne nsa no emu yɛɛ den sɛ baako no. Nea Yesu yɛe yi hyɛɛ nnipa no abufuw yiye ma wofii ase bɔɔ ne ho pɔw.

_Nea Awurade se ni._

30/08/2022

*NAWOTWE A ƐTƆ SO ADUONU MMIENU WƆ NAHUNU MMERƐ AFE II*
TWENTY-SECOND WEEK IN ORDINARY TIME YEAR II

*WUKUADA*
(WEDNESDAY)

*FIRST READING*
Akenkan a efiri Ht. Paulo Nhoma a ɛdi kan a ɔtwerɛ kɔmaa Korintofoɔ no mu 3:1-9

Anuanom, mantumi mankasa mankyerɛ mo sɛ nnipa a wɔwɔ Honhom no. Na ɛsɛ sɛ mekasa kyerɛ mo sɛ wiasefo a wɔte sɛ mmofra a wɔwɔ Kristo mu gyidi. Memaa mo nufusu. Mamma mo aduan a ɛyɛ den, efisɛ, na enye mma mo. Na mprempren ara mpo, enye mma mo, efisɛ, moda so te hɔ sɛ wiasefo. Sɛ anibere wɔ mo mu na mutwa mo ho ne mo ho mo ho nya akasakasa a, ɛnna no adi sɛ moyɛ wiasefo a mote hɔ ma wiase? Sɛ obi ka se, “Me de, midi Paulo akyi” na ɔfoforo nso ka se, “Me nso mewɔ Apolo afa” a, ɛnkyerɛ sɛ moyɛ wiasefo anaa?

Mibisa se, Apolo yɛ hena? Na Paulo nso yɛ hena? Yɛyɛ Onyankopɔn a*omfo kwa a ɛnam yɛn so na munya gyidi. Adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn mu biara sɛ yɛnyɛ no na yɛyɛ. Miduaa aba no na Apolo guguu so nsu nanso Onyankopɔn na ɔmaa afifide no nyinii. Obi a oduae ne obi a oguguu so nsu no ho nhia. Onyankopɔn na ne ho hia, efisɛ, ɔno na ɔmaa afifide no nyinii. Nsonoe biara nni onipa a odua ne nea ogugu so nsu ntam. Onyankopɔn bɛhwɛ dwuma a wɔn mu biara dii so na wama wɔn so ade. Yɛn de yɛyɛ aboafo a yɛne Onyankopɔn reyɛ adwuma na mo nso moyɛ Onyankopɔn afuw. Bio, moyɛ Onyankopɔn dan.

_Nea Nyame se ni._

*Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 32(33): 12-15. 20-21 G/. 12*
*G: Nhyira nka nnipa a Awurade ayi wɔn sɛ ne de.*
1. Asomdwoe nka kurow a
ne Nyankopɔn ne Awurade.
Nhyira nka nnipa a wayi wɔn sɛ ne de!
Awurade hwɛ adasamma nyinaa fi soro. G/.

2. Ofi baabi a odi hene no
hwɛ wɔn a wɔte asase so nyinaa.
Onim wɔn komam
na onim nea wɔyɛ nyinaa. G/.

3. Yɛn ani da Awurade so.
Ɔyɛ yɛn guankɔbea ne yɛn boafo.
Ne nti, yɛn ani agye.
Yegye ne din kronkron no di. G/.

*Gospel Acclamation 1 Yohane 2:5*
_Alleluia, Alleluia_
Na obiara a otie n’asɛm no yɛ obi a nokwarem, ne dɔ a ɔde dɔ Onyankopɔn no yɛ pɛ. Eyi na ɛma yɛte yɛn ho ase sɛ yɛte Onyankopɔn mu.
_Alleluia, alleluia_

*ASEMPA (GOSPEL READING)*
Asempa no senea Ht. Luka kyerew mae 4:38-44

Yesu fi hyiadan no mu no, ɔkɔɔ Simon fi kɔtoo sɛ atiridii abɔ Simon n’asebea. Nnipa a wɔwɔ hɔ no srɛɛ no sɛ ɔnsa no yare. Ɔkɔɔ nea ɔda hɔ kogyinaa ne nkyɛn, teɛɛ ɔyare no ma egyaee amonom hɔ ara ma ɔsɔre maa wɔn aduan dii.

Onwini dwoe no, wɔde ayarefo pii bae sɛ Yesu nsa wɔn yare. Ɔde ne nsa guu wɔn so saa wɔn yare. Ahohommɔne fii nnipa no pii mu fii a na wɔreteɛteɛm se, “Wone Onyankopɔn Ba no.” Nanso Yesu kaa wɔn anim hyɛɛ wɔn se wommua wɔn ano, efisɛ, na ahohommɔne no nim sɛ ɔno ne Kristo no.

Ade kyee no, Yesu tew ne ho kɔɔ sare so baabi a ɛhɔ yɛ dinn. Nkurɔfo no kyin hwehwɛɛ no na wohuu no no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn wɔ Kapernaum hɔ. Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛsɛ sɛ meka Asɛmpa a ɛfa Onyankopɔn Ahenni ho no mekyerɛ afoforo nso, efisɛ, ɛno nti na wɔsomaa me.” Yesu kyinkyinii Yudeaman no mu kɔɔ hyiadan ahorow mu kɔkyerɛkyerɛe.

_Nea Awurade se ni._

29/08/2022

*NAWOTWE A ƐTƆ SO ADUONU MMIENU WƆ NAHUNU MMERƐ AFE II*
TWENTY-SECOND WEEK IN ORDINARY TIME YEAR II

*ƐBENADA*
(TUESDAY)

*FIRST READING*
Akenkan a efiri Ht. Paulo Nhoma a ɛdi kan a ɔtwerɛ kɔmaa Korintofoɔ no mu 2:10b-16

Anuanom, Onyankopɔn nam ne Honhom Kronkron no so ada n’ahintasɛm adi akyerɛ yɛn. Honhom no pɛɛpɛɛ biribiara mu kosi Onyankopɔn ahintasɛm a emu dɔ no so. Onipa de, ɔno ara ne honhom a ɛte ne mu no na enim ne ho nsɛm nyinaa; saa ara nso na Onyankopɔn Honhom no nko ara na enim Onyankopɔn ho nsɛm nyinaa. Ɛnyɛ wiase yi mu honhom na yɛanya; Honhom Kronkron a Onyankopɔn somaa no no na yɛanya sɛnea ɛbɛma yɛahu nea Onyankopɔn de ama yɛn no nyinaa. Enti ɛnyɛ nsɛm a nnipa de wɔn nyansa akyerɛ yɛn no na yɛka na mmom nsɛm a Honhom no akyerɛ yɛn no na yɛnam Honhom no mu nokware ada saa Honhom no adi akyerɛ wɔn a wɔwɔ Honhom no. Nanso obi a onni Honhom no rentumi nnya akyɛde a efi Onyankopɔn Honhom no mu. Ɔrente wɔn ase da; ɔfa no sɛ nsɛm a aba nni mu, efisɛ, wogyina Honhom no nko so na wobetumi ahu mu a wodi. Onipa a Honhom no te ne mu no tumi sese biribiara nanso obiara rentumi mmu no atɛn. Kyerɛwsɛm no ka se, “Hena na onim Awurade adwene? Hena na obetumi atu no fo?” Nanso, yɛn de, yɛwɔ Kristo adwene no bi.

_Nea Nyame se ni._

*Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 144(145):8-14. G/. 17*
*G/. Awurade yɛ trenee wɔ nea ɔyɛ biara mu.*
1. Awurade yɛ ɔdɔ ne mmɔborɔhunufo;
ne bo kyɛ fuw na n’adɔe dɔɔso.
Oye ma obiara
na ɔwɔ ahummɔbɔ ma n’abɔde. G/.

2. Awurade, w’abɔde nyinaa bɛkamfo wo;
na wo nkurɔfo nyinaa bɛda wo ase.
Wɔbɛka anuonyam a ɛwɔ w’adehye tumi no ho asɛm
na wɔaka wo tumi no ho asɛm nso,
sɛnea ɛbɛyɛ a obiara behu wo nnwuma akɛse no ne w’ahemman a,
anuonyam ne tumi wɔ mu no. G/.

3. W’ahenni to rentwa da,
na woyɛ ɔhene daa daa.
Awurade hyɛ bɔ a, odi so,
na biribiara a ɔyɛ, yɛ pɛ.
Ɔboa wɔn a wɔwɔ ɔhaw mu.
Ɔpagyaw wɔn a wɔahwe ase. G/.

*Gospel Acclamation Luka 7:16*
_Alleluia, Alleluia!_
Odiyifo kɛse bi asɔre wɔ yɛn mu, na Onyankopɔn asian aba ne manfo mu.
_Alleluia, alleluia!_

*ASEMPA (GOSPEL READING)*
Asempa no senea Ht. Luka kyerew mae 4:31-37

Yesu kɔɔ Kapernaum a ɛwɔ Galilea. Ɔkyerɛkyerɛɛ nnipa no homeda biara. Ɛha nso ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ nkurɔfo no nwonwa efisɛ, ɔkasae wɔ tumi so.

Na ɔbarima bi wɔ hyiadan no mu hɔ a hohommɔne ahyɛ no ma. Ohuu Yesu no, ɔteɛɛm se, “Yesu Nasaretni, mmɛhaw yɛn. Yɛne wo nni hwee yɛ. Woaba sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Minim onipa ko a woyɛ. Wone Onyankopɔn Ba Kronkronni no.” Yesu hyɛɛ hohommɔne no sɛ, “Tu fi ne mu kɔ!” Hohommɔne no de ɔbarima no hwee fam na etu fii ne mu kɔe a hwee anyɛ no. Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn, na wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Asɛm bɛn ni. Onipa bɛn ni a ɔde tumi ne ahoɔden teɛ ahohommɔne ma wotie yi?” Nea ɔyɛɛ yi ho asɛm trɛwee ɔman no mu nyinaa.

_Nea Awurade se ni._

28/08/2022

*29TH AUGUST*
*HT. YOHANE OSUBONI AMANEHUNU, NKAEDA*
(THE PASSION OF ST. JOHN THE BAPTIST, MEMORIAL)

*FIRST READING*
Akenkan a efiri Ht. Paulo Nhoma a ɛdi kan a ɔtwerɛ kɔmaa Korintofoɔ no mu 2:1-5

Anuanom, bere a mebaa mo nkyɛn bɛkaa Onyankopɔn ho ahintasɛm a ɛyɛ nokware kyerɛɛ mo no, manka asɛm a ɛkyere adwene anaa nyansa a ɛtra so mu. Meyɛɛ m’adwene sɛ bere a me ne mo wɔ hɔ no, mɛma me werɛ afi biribiara gye Yesu Kristo nko na ne titiriw no, ne wu wɔ asɛnnua no so no. Enti bere a mebaa mo hɔ no, na meyɛ mmerɛw a ehu ne ahopopo aka me. Na me nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛe no nso mannyina anyansasɛm ne nnipa adwene so na mekyerɛkyerɛe na mmom menam kasa pa so daa tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Honhom Kronkron no mu no adi. Enti mo gyidi nnyina onipa nyansa so na mmom egyina Onyankopɔn tumi so.

_Nea Nyame se ni._

*Gyeso Nnwom (Responsorial Psalm) Nnwom 118(119):97-102. G/. 97*
*G: Awurade, medɔ wo mmara no.*
1. Medɔ wo mmara no dodo!
Midwen ho bere biara.
W’ahyɛde ka me ho bere biara.
Ɛma m’ani tew sen m’atamfo. G/.

2. Mete ase yiye sen m’akyerɛkyerɛfo
efisɛ, midwen wo nkyerɛkyerɛ ho komm.
Mewɔ nyansa sen nkwakoraa
efisɛ, midi w’ahyɛde so. G/.

3. Mapa bɔne su nyinaa efisɛ,
mepɛ sɛ midi w’asɛm so.
Minnyaa wo nkyerɛkyerɛ no mu
efisɛ, wone me kyerɛkyerɛfo. G/.

*Gospel Acclamation Luka 4:18*
_Alleluia, Alleluia!_
Awurade ayi me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo na menka nkyerɛ wɔn a wɔwɔ nnomum mu se, wobenya ahofadi
_Alleluia, alleluia!_

*ASEMPA (GOSPEL READING)*
Asempa no senea Ht. Luka kyerew mae 4:16-30

Yesu baa Nasaret, kurow a ne mmofraase wɔtetew no wɔ mu no mu. Na sɛnea ɔtaa yɛ no, ɔkɔɔ hyiadan mu homeda. Ɔsɔre kɔɔ anim sɛ ɔrekɔkenkan kyerɛwsɛm. Wɔde odiyifo Yesaia nhoma hyɛɛ ne nsa na obuee baabi a wɔakyerɛw se: “Awurade Honhom wɔ me so, na wɔayi me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo. Na menka nkyerɛ wɔn a wɔwɔ nnomum mu se, wobenya ahofadi, anifuraefo behu ade; wɔn a wobu wɔn animtiaa benya anuonyam, na Onyankopɔn asiesie ne ho sɛ obehyira wɔn a wɔba ne nkyɛn nyinaa.”

Ɔtoo nhoma no mu de maa ɔhwɛfo no na ɔtenaa ase; na obiara a ɔwɔ hyiadan no mu hɔ no hwɛɛ no dinn. Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se; “Ɛnnɛ na kyerɛwsɛm no aba mu.” Na kasa pa ne nsɛm ahorow a ɔkae no, yɛɛ wɔn a wɔtee nyinaa nwonwa ma wobisae se, “Ɛnyɛ Yosef ba no ni?” Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Akyinnye biara nni ho sɛ mode bɛ yi bebu me se, ‘Ɔyaresafo, sa wo ho yare. Nea yɛate afa wo ho sɛ woyɛe wɔ Kapernaum no, yɛ bi wɔ wo kurom ha.” Nanso mereka ama moate ase sɛ, Odiyifo biara nni anuonyam wɔ ne kurom.

Nokware mu, Elia bere so no, na mmea akunafo bebree wɔ Israelman mu. Saa bere no osu antɔ mfe abiɛsa ne asram asia enti ɛmaa ɔkɔm kɛse baa ɔman no nyinaa mu. Nanso Onyankopɔn ansoma odiyifo Elia ankɔ obiara nkyɛn sɛ ɔbea kunafo a na ɔwɔ Sarepta a ɛwɔ Sidon no nkyɛn. Bio, saa bere no na akwatafo bebree wɔ Israelman mu nanso odiyifo Elisa ansa obiara yare sɛ ɔsahene Naaman a ofi Siriaman mu no nko ara.”

Nnipa a wɔwɔ hyiadan no mu tee ne nsɛm a ɔkae no, wɔn bo fuwii papaapa. Wɔde abufuw piapiaa no fii kurow no mu de no kɔɔ bepɔw a wɔn kurow da so no ano sɛ wɔrekɔwɔ n’atiko ama wakɔhwe bepɔw no ase. Nanso ɔfaa wɔn mu kɔɔ ne baabi.

_Nea Awurade se ni._

Address

P. O. Box 55 Donkorkrom
E/R
233

Telephone

+233248012726

Website

Alerts

Be the first to know and let us send you an email when Apostolic Vicariate of Donkorkrom posts news and promotions. Your email address will not be used for any other purpose, and you can unsubscribe at any time.

Contact The Place Of Worship

Send a message to Apostolic Vicariate of Donkorkrom:

Share