06/12/2024
𝔹𝔸ℙ𝕋𝕀𝕊𝕋 Daily Devotional (TWI EDITION)
NKYERƐNKYERƐMU —15 NE WUSƆREƐ NO MA YƐN TUMI
Rev. Osei Kwabena Nkrahene | Ɔpɛnimma 6 2024 | Yohane 21:1-14
NNYINASOSƐM:
"Yei ne ne mprɛnsa so a Yesu sɔre firii awufoɔ mu no, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ nʼasuafoɔ no." Yohane 21:14 (ASCB)
NSƐNKAEƐ:
Nnyinasosɛm no fa a ɛtwa toɔ no si nokwasɛm ne deɛ Yesu wusɔreɛ no kyerɛ so dua, na ɛbɔ ne nsunsuansoɔ a emu dɔ no tɔfa. Wɔ Yohane 2:18-22 mu tɔnn na, Yesu twee adwene sii Ne wusɔreɛ so na ɔkyerɛɛ sɛ Ɔno na ɔbɛyɛ no. Wɔhyɛ yei mu kena wɔ Yohane 10:17.
Wɔ Yohane 11:25-27 no, Yesu pae mu ka sɛ, "Mene owusɔreɛ ne nkwa," ɔde ne wusɔreɛ bata daa nkwa ho ma wɔn a wɔgye no die nyinaa. Twerɛsɛm te sɛ Romafoɔ 1:4, Romafoɔ 8:11, ne Efesofoɔ 1:20 si dwuma a Honhom Kronkron di wɔ Ne wusɔreɛ mu so dua.
Onyankopɔn Agya no dwumadie nso yɛ deɛ ɛho hia saa ara. Asomafoɔ Nnwuma 2:24 ne Romafoɔ 6:4 si so dua sɛ Agya no nyanee Kristo firii awufoɔ mu. Yesu nsɛm a ɛtwa toɔ wɔ asɛnnua no so, a ɔde Ne Honhom hyɛɛ Agya no nsa ( Luka 23:46 ), si nokorɛ yi so dua bio. Asɛmpa no mu abakwasɛm no mma adwene mu naayɛ biara mma: Kristo ankɔ so antena ɛda no mu.
Deɛ owusɔre no kyerɛ no wɔ afa ahodoɔ pii. Asomafoɔ Nnwuma 1:3 ma yɛhunu twaka a ɛda owusɔreɛ ne Onyankopɔn Ahennie no ntam. Kristo a wasɔre no yii ne ho adi kyerɛɛ kane akyinnyefoɔ te sɛ Yakobo ne Paulo de wɔn baa gyidie no mu (1 Korintofoɔ 15:6-9). Bio nso, 1 Korintofoɔ 15 si so dua sɛ Kristosom fapem ankasa gyina Kristo owusɔreɛ so.
ASƐM NO BOTAEƐ:
Ɛsɛ sɛ Kristo wusɔreɛ ne deɛ ɛkyerɛ no yɛ ade titire wɔ yɛn asetena ne yɛn dwumadie mu.
MPAEBƆ:
Awurade Yesu Kristo, Wo wusɔreɛ no ma nkwa ne asɛdeɛ nyinaa. Mesrɛ wo boa me na memfa saa nokorɛ yi nni dwuma wɔ m’aseteba mu. Amen.
NHYIRA BƆSUO BƐBA!!
BƆSUO!! NHYIRA!!'