08/10/2023
Genesis 22
Wɔsɔ Abraham hwɛ
1 Na nsɛm yi akyiri no, Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛe, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Abraham! Na ɔse: Menie.
2 Na ɔkaa sɛ: Fa wo ba, wo ba korɔ a wodɔ no, Isak, kɔ Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ hɔ, wɔ mmepɔ no mu baako a mɛkyerɛ woɔ so.
3 Na Abraham sɔree anɔpatutu, na ɔhyehyɛɛ n'afunumu, na ɔfaa n'asomfoɔ mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho, na ɔtwaa ɔhyeɛ afɔdeɛ nnyina, na ɔsii mu kɔɔ faako aOnyankopɔn kyerɛɛ no no.
4 Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Abraham maa n'ani so, na ɔhunuu bea hɔ wɔ akyirikyiri
5 Na Abraham ka kyerɛɛ ne somfoɔ no sɛ: Mo ne afunumu yi ntena ha; na me ne abarimaa yi bɛkɔ nohoa akɔsɔre, na yɛasane aba monkyɛn.
6 Na Abraham faa ɔhyeɛ afɔdeɛ nnyina no de soaa ne ba Isak, na ɔfaa ogya ne sekan kurae, na wɔn baanu kɔe.
7 Na Isak ka kyerɛɛ n'agya Abraham sɛ: M'agya! Na ɔse: Menie, me ba. Na ɔse: Hwɛ, ogya ne nnyina nie, na adwammaa a wɔde rekɔbɔɔhyeɛ afɔdeɛ no wɔ he?
8 Na Abraham se: Me ba, Onyankopɔn bɛkyerɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ adwammaa no. Na wɔn baanu kɔe.
9 Na wɔkɔduruu deɛ Onyankopɔn kyerɛɛ no hɔ, na Abraham sii afɔrebukyia wɔ hɔ, na ɔsiesiee nnyina no, na ɔkyekyeree ne ba Isak, na ɔde no too afɔrebukyia no so wɔ nnyina no so.
10 Afei Abraham tenee ne nsa faa sekan no sɛ ɔde rebɛkum ne ba no.
11 Na AWURADE bɔfoɔ firi soro frɛɛ no sɛ: Abraham, Abraham! Na ɔse: Menie.
12 Na ɔse: Mfa wo nsa nka abarimaa no, nso nyɛ no hwee. Afei na mahunu sɛ wosuro Onyankopɔn, na woankame me wo ba korɔ no.
13 Na Abraham maa n'ani so, na ɔhunuu odwennini a dɔtɔ asɔ ne mmɛn mu wɔ n'akyi. Na Abraham
kɔfaa odwennini no de no sii ne ba no ananmu bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.
14 Na Abraham too bea hɔ din sɛ: Yahwe-Yir'e." Enti wɔka no nnɛ ara sɛ: AWURADE bepɔ so na wɔbɛhwɛ.
15 Na AWURADE bɔfoɔ firi soro frɛɛ Abraham bio sɛ:
16 Sɛ AWURADE seɛ nie: ɛsiane sɛ woayɛ saa asɛm yi, na woankame me wo ba korɔ no nti, maka me ho ntam sɛ:
17 Hyira na mɛhyira woɔ, na dɔ na mɛma w'asefoɔ adɔre sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anwea. Na w'asefoɔ